Subscribe Us

header ads

LYRICS: Akokoa - Safo Newman

 

Tie

Akɔkoa mehome te

Ɔfrɛ me sɛ Kwakye Bankye

Ne ba bɛɛma deɛ ɛyɛ Sweetie

Ɔmpɛ masɛm da kankabi

Nsuo ankorɛ mmiensa metwe

Ɛfi a ɛwɔ fam mɛtwitwi

Ɛnneɛma adeɛ ma meebɛsi

Memposa nwiee a mennidi daabi o

Sonsonyɛ wɔ mu deɛ ɔyɛ me no ɔnyɛ Joe Boy saa

Ɔgyegye no so moroso moroso ɔno deɛ ne ba a

Adeɛ a mehunu ɛnyɛ menko ɛɛkɔso meamea

Som Nyame, so nedɔ ntra neyamo mma daabi o

Anɔpa

Ɔbɛkɔ asɔredanmu na wato dwom holy holy

Ɛmoma, fabɔ fam hɔ, akyiriwia masalakyi

Ɔɔgu nsa

Nananom bosom fufu tɔ ɛma no nni

Ɔwie a, ɔbɛba fie na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa

Ɔbɛkɔ asɔredanmu na wato dwom holy holy

Ɛmoma, fabɔ fam hɔ, akyiriwia masalakyi

Ɔɔgu nsa

Nananom bosom fufu tɔ ɛma no nni

Ɔwie a, ɔbɛba fie na wabɛyɛ me sɛ tosa

Oooo, o oooo, oooo

Ɛnkyerɛ me sɛ ɔɔhyɛ me den

Nokorɛ wɔhɔ ntoto nase

Deɛ ɔde meeyɛ yi deɛ ɛyɛ nkoasom

Deɛ wookeka yɛ muamua so

Mentaadeɛ ɛfa atete

Baabi a meda ɛhɔ awewe

Ɔse wompɛ deɛ a da abɔnten

So nyɛ sɛ ebia meyɛ asoɔden daabi o

Sonsonyɛ wɔ mu deɛ ɔyɛ me no ɔnyɛ Joe Boy saa

Ɔgyegye no so moroso moroso ɔno deɛ ne ba a

Adeɛ a mehunu ɛnyɛ menko ɛɛkɔso meamea

Som Nyame, so nedɔ ntra neyamo mma daabi o

Me maame maame Dora ferɛ no a

Na waka sɛ me na memmu adeɛ

Me nana Kwakye Barima deɛ ɔtu fo

Ɔse: mete nenkyɛn nti ɛyɛ a menya abotrɛ

Pampampanaa

Pampampanaa

Meyɛ akwadaa nti koo mɛyɛ no dɛn

Pampampanaa

Pampampanaa

Meyɛ akwadaa nti koo mɛyɛ no dɛn

Anɔpa

Ɔbɛkɔ asɔredanmu na wato dwom holy holy

Ɛmoma, fabɔ fam hɔ, akyiriwia masalakyi

Ɔɔgu nsa

Nananom bosom fufu tɔ ɛma no nni

Ɔwie a, ɔbɛba fie na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa

Ɔbɛkɔ asɔredanmu na wato dwom holy holy

Ɛmoma, fabɔ fam hɔ, akyiriwia masalakyi

Ɔɔgu nsa

Nananom bosom fufu tɔ ɛma no nni

Ɔwie a, ɔbɛba fie na wabɛyɛ me sɛ tosa

Nyamesomfoɔ montie bi o ooooo

Fa ɔdɔ a ɛmu dɔ dɔ dasani oooo

Na Nyame a ɔwɔ soro hɔ yi yɛnhu no oo

Ɛmma no nyɛ woyam ba dɔ; dɔ afoforɔo

Post a Comment

0 Comments